Bible mu Aware dodow Na Lamek waree yerenom mmienu maa no: baako din de Ada, na baako din de Sila. Genesis 4:19 Sɛ ɔware ɔyere foforo ma no a; n’aduan, n’atade, ne n’aware asɛyɛde, ɔrentew so. Na sɛ wanyɛ saa baasa yi amma no a, ɛnneɛ na ɔmfa ne ho nhyɛ mu a onni sika. Exodus 21:10-11 Sɛ ɔbarima bi wɔ yerenom mmienu, ɔdɔfoɔ baako na ɔtan ɔfoforo, na wɔwo mma no, ɔdɔfoɔ ne ɔtanfoɔ nyinaa a; na sɛ abakan ba no yɛ ne dea a wɔtan no a: Ɛnna ɛbɛyɛ sɛ, sɛ ɔma ne mma no nya nea ɔwɔ no a, ɔmfa ɔdɔfo abakan no ba nni nea wɔtan no no ba anim, a ɔno ne abakan ampa: Na mmom obegye nea wɔtan no ba no atom wɔ abakan no ho, denam nea ɔwɔ nyinaa mu kyɛfa mmɔho abien a ɔbɛma no so, efisɛ ɔno ne n’ahoɔden mfiase; abakan hokwan yɛ ne de. Deuteronomium 21:15-17 Sɛ anuanom te faako, na wɔn mu baako wu, na onni ba a, awufoɔ yere nnware ɔhɔhoɔ a ɔnka ho, na ne kunu nua bɛkɔ ne nkyɛn akɔfa no akɔware no, na wayɛ okunu nua asɛdeɛ ama no. Na abakan a ɔwo no bɛdi ne nua a wawuo no din mu, na wɔanyi ne din amfiri Israel. Na sɛ ɔbarima no mpɛ sɛ ɔbɛfa ne nua yere a, ɛnneɛ ma ne nua yere nkɔ ɔpon no ano nkɔ mpanimfoɔ no nkyɛn nkɔka sɛ: Me kunu nua po sɛ ɔbɛma ne nua din wɔ Israel a, ɔrenyɛ me kunu nua asɛdeɛ. Ɛnna ne kuro mu mpanimfoɔ bɛfrɛ no na wɔakasa akyerɛ no, na sɛ ɔgyina hɔ ka sɛ: M’ani nnye ho sɛ mɛfa no; Ɛnna ne nua yere bɛba ne nkyɛn wɔ mpanimfoɔ no anim, na wasan ne mpaboa afiri ne nan so, na watete n’anim, na ɔbɛbua sɛ: Saa na wɔbɛyɛ ɔbarima a ɔrensi ne nua fie no. Na wɔbɛfrɛ ne din wɔ Israel sɛ, Deɛ wasan ne mpaboa fie. Deuteronomium 25:5-10 Na saa da no, mmaa baason bɛkyere ɔbarima baako aka sɛ: Yɛbedi yɛn ankasa paanoo na yɛahyɛ yɛn ankasa ntadeɛ. Yesaia 4:1
1